Museke Ɔnlaen Abɔdin ma Afrika Adwontofo 2011 - Wɔnnfa wɔn ndwom mbɛdi akan

I told you I was go ing to blog in Twi. Here is the first post. I translated the Museke Online Africa Music Awards (MOAMA s) press release into Twi. More coming. Check out MOAMAs.com today.




Mo nsɛm pa!

1 Obirade 2011
ACCRA-JOHANNESBURG-NAIROBI


"Museke Ɔnlaen Abɔdin ma Afrika Adwontofo" 2011
Wɔnnfa wɔn ndwom mbɛdi akan -


Ɛyɛ Museke, Inc. anigye paa sɛ wɔbɛbɔ Museke Ɔnlaen Abɔdin ma Afrika Adwontofo (MOAMAs) a ɛtɔ so mmienu ho dawuro. Abɔdin yi bɛwie Ɔbese wɔ 2011 afe yi mu. Wɔresrɛ Adwontoni, ne wɔn nnansimufoɔ sɛ wɔnfa wɔn ndwom a wɔpɛsɛ wɔdebɛsi akan wɔ abɔdin yi mu.

Ndwom a wɔdebaa adwa mu na wɔbɔɔ wɔ efidie nyinaa so firi da kan wɔ afe 2010 mu kɔ si da kan wɔ afe 2011 no na ɛbɛtumi asi akan. Te sɛ abɔdin kan a wɔyɛɛ no afe 2010 no, abato ho ekuo no bɛyɛ wɔn a wɔn aben wɔ Afrika ndwom mu, wɔn a wɔyɛ Afrika ndwom ho adwuma, ɛne wɔn a wɔbɔ ndwom wɔ efidie so ɛne nhyiamu. MOAMAs nhyehyɛmu nyinaa wɔ hɔ ma Afrika adwontofo a wɔwɔ Afrika mman nyinaa ɛne wɔn a wɔwɔ amanɔne nyinaa. Sɛ adwontofoɔ bi pɛ sɛ wɔbɛnya abɔdin yi a, ɛwɔ sɛ wɔde wɔn ho asɛm ɛkɔ http://awards.museke.comwɛbsaet no “nominate” .

Museke Ɔnlaen Abɔdin ma Afrika Adwontofo (MOAMAs) wɔ hɔ ma Afrika Adwontofo nyinaa sɛ wɔbɛhyerɛn wɔ Afrika ne aman nyinaa, na wɔanya adɔfo bebree. Museke fo panin baako, Tumi Diseko se, “Abɔdin yi hyɛ nso sɛ adwontofo ne wɔn kyigyinafo wɔ sɛ nea Afrika ndwom ho nsɛm nyinaa rekɔ sesa na ɛrekɔ n’anim”

Museke.com gu so regye din no, akwanya afoforo pue mu: Museke.com de dwumakuw bi redi nkɔmbɔ fa dwuma a daakye bi wɔbɛtumi ɛdi abɔ mu. Bere pa mu no, yɛ bɛma obiara aso ate.

Voter’s Choice
Ekyiri koraa no, ɛyɛ abato na ɛbɛkyerɛ abɔdin no nkunimdifo - wɔn a wɔ dɔ adwom na wɔ yɛ Museke Online Africa Music Awards atɛmbuafo. Esan sɛ wɔ pɛ sɛ wɔ de tumi ma Afrika ndwom adɔfo nti, Museke de Abatofo Apɛde Abɔdin aba. Abɔdin yi bɛma yɛn abɔ Afrika adwontofo a wɔ resi akan wɔ MOAMAs no a yɛnnim wɔn yie aba so.

Diseko san ka sɛ, “Wɔn a wɔ dɔ Afrika ndwom na wɔ hyɛɛ Museke.com ase na wɔ san hwɛ so seisei ara, na wɔ pɛ sɛ wɔ hu Afrika ndwom ahorow na wɔ san hu adadawmu nso. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ adwuma a yɛyɛ wɔ Museke no ama Afrika ndwom adɔfo bebree ahwɛ aman foforo ne ndwom foforo, na Voter’s Choice Abɔdin yi wɔ hɔ ma Afrika ndwom adɔfo.

Ɛfa Museke.com ho
Afrika ndwom adɔfo a wɔ firi Afrika aman ahorow ho kuw bi hyɛɛ Museke.com ase wɔ afe 2006 mu. Nna wɔn adehunu ne sɛ Museke.com bɛyɛ beebi a Afrika ndwom ho nsɛm nyinara wɔ. Wɛbsaet no enyini wɔ ahoɔden mu, na ɛwɔ nsɛm ne ndwom ho nsɛm pii firi adwontofo apem a wɔfiri Afrika ne amanɔne. MOAMAs ba so afe biara nti no, Museke.com de fahodi de Afrika Abɔdin a edi kan wɔ ɔnlaen aba na ɛno nti no, ate ase sɛ Afrikafo a wɔ de Intanɛt ne abaefo akasahoma fidie anaaso mobael yɛ adwuma.

Sɛ wo pɛ nsɛm ɛka ho ne ebisae a, kɔntakt AWARDS@MUSEKE.COM
---EWIEI---

Comments

ImageNations said…
Ɛyɛ me anigye sɛ wo akyerɛw nsɛm yi wɔ yɛn ara yɛn Twi Kasafua mu. Wo ayɛde paara, efiri sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi akan na sɛ w'akyerɛw Twi.

Mere kenkan saa nsɛmfua yi, me huu sɛ ɛsɛ sɛɛ yɛ tow aba, na anyɛbiara Ghanafo nnwom wɔ mu di. Mere hwɛ anim sɛ eyi bɛma Afrika nnwom akɔ soro. Me nso medawase sɛ wode saa nsɛmfua yi berɛ yɛn.
MadWaxer said…
mi ti ye miya paan!
next step a text-2-akan...
#vim
medat said…
Dɛɛdɛw! Vim wɔ mu!
MIghTy African said…
Na ɛnyɛ easy koraa!

ɛwɔsɛ yɛto aba ma Ghanafoɔ no ampa!

Popular posts from this blog

Learnt how to say "Thank You" in 23 African languages

Introducing REACH-Ghana on the occasion of World AIDS day

Learnt how to say "Happy birthday" in 13 African languages